Romans 3

1Na sɛ saa na ɛte de a, na Yudaniyɛ no ho mfaso ne dɛn? Onyankopɔn dom wɔn biribi sononko anaa? Biribi wɔ Yudafo twetiatwa no mu? 2Yiw, sɛ woyɛ Yudani a, ɛho wɔ mfaso bebree. Nea edi kan no, Onyankopɔn de ne mmara hyɛɛ wɔn nsa sɛnea ɛbɛma wɔayɛ nʼapɛde. 3Ɛyɛ nokware sɛ na wɔn mu bi nni no nokware. Na di a na wonni Onyankopɔn nokware no kyerɛ sɛ obebu ne bɔ a wahyɛ wɔn no so anaa? 4Dabida! ɛwom sɛ obiara yɛ ɔtorofo de, nanso Onyankopɔn nyɛ ɔtorofo. Wokae nea oyi fii Israel Nnwom mu a ɛfa eyi ho a ɛka se, Onyankopɔn nsɛm bɛyɛ nokware daa no?

5Na sɛ yɛn bɔne a yɛyɛ no da Onyankopɔn trenee adi kann a, yɛbɛka dɛn? Sɛ Onyankopɔn twe yɛn aso a, yɛbɛka se wayɛ bɔne? Mekasa sɛnea nnipa ka. 6Onyame mpa ngu! Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔtreneeni a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi abu wiase atɛn? 7Sɛ mitwa atoro na ɔda no adi kyerɛ me de nya anuonyam a, ɛnne na ɔrentumi mmu me atɛn ntua me so ka. 8Adɛn nti na yɛnka se, “Momma yɛnyɛ bɔne na papa mfi mu mmra?” Nokwarem, nnipa bi nam saa asɛm koro yi ara so ayi me ntɛn nam so akasa atia me. Wobebu saa nnipa yi atɛn sɛnea ɛsɛ wɔn.

Obiara di fɔ

9Ɛnne dɛn na yɛnka? Yɛn Yudafo yɛ nnipa sen Amanamanmufo no anaa? Ɛnte saa! Makyerɛ mu dedaw se Yudafo ne Amanamanmufo nyinaa yɛ pɛ wɔ bɔne tumi ase. 10Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara nyɛ ɔtreneeni; 11obiara nyɛ ɔbadwemma; na obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan.

12“Nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.

13“Wɔn anom te sɛ damoa a abue; na wɔn tɛkrɛma ka atorosɛm; wɔn anofafa ka nsɛm a ɛte sɛ ɔwɔ ano bɔre.

14“Nnome a ɛyɛ hu na efi wɔn anom ba.

15“Wɔnkyɛ opira ne awudi ho.

16“Baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa. 17Na wonnim asomdwoe kwan.

18“Na wonsuaa sɛnea wosuro Onyankopɔn.” 19Sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa rennya anoyi na ɛnam so ama wiase nyinaa ahyɛ Onyankopɔn atemmu no ase nti, ama yehu mprempren sɛ, biribiara a ɛwɔ Mmara no mu no fa wɔn a wɔhyɛ Mmara no ase no ho.

20Efisɛ, obiara nni hɔ a sɛ ɔyɛ nea Mmara no hyɛ sɛ ɔnyɛ a, Onyankopɔn bebu no bem. Nea Mmara no ka ne sɛ, ɛma onipa hu sɛ wayɛ bɔne.

21Mprempren Onyankopɔn ada ɔkwan a nnipa nam so yɛ nʼapɛde no adi. Saa kwan no ne Mmara nni hwee yɛ. Na Mmara no ne adiyifo di ho adanse. 22Onyankopɔn nam ogye a nnipa gye Yesu Kristo di no so ma wɔyɛ atreneefo. Onyankopɔn yɛ eyi ma wɔn a wogye no di nyinaa, efisɛ, nsonoe biara nni mu koraa. 23Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne ama Onyankopɔn nkwagye abɔ wɔn. 24Nanso esiane Onyankopɔn adom a ɔde kyɛ kwa no nti, ɔnam Yesu Kristo so ama wɔanya nʼanim anuonyam nam Kristo Yesu so ade wɔn ho.

25Onyankopɔn de no mae sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa bɛfa ne wu, ne ogye a wogye no di no so no benya bɔne fafiri. 26Nanso mprempren de, Onyankopɔn boa nnipa de di ne trenee ho adanse. Ɔnam saa kwan no so kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔtreneeni na ɔde obiara a ogye Kristo di no si nea eye.

27Ɛnne dɛn na yɛde bɛhoahoa yɛn ho? Biribiara nni hɔ! Na adɛn nti? Mmara no a yedi so no nti anaa? Dabi, na mmom ogye a yegye di no nti. 28Ne tiaatwa ne sɛ, onipa nam gyidi so na ɔfata Onyankopɔn anim na ɛnyɛ Mmara a odi so no nti.

29Onyankopɔn yɛ Yudafo nkutoo Nyankopɔn anaa? Ɔnyɛ Amanamanmufo nso Nyankopɔn bi anaa? Ɛyɛ nokware turodoo sɛ ɔyɛ Amanamanmufo nso Nynankopɔn. 30Onyankopɔn yɛ baako na ɔnam gyidi a Yudafo wɔ so bɛma wɔafata nʼanim. Na saa ara nso na Amanamanmufo nam wɔn gyidi so bɛfata nʼanim ara nen. 31Enti eyi kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛnam saa gyidi no so gyae Mmara no so di anaa? Dabida, ɛsɛ sɛ yedi Mmara no nso so.

Copyright information for TwiNAK